1 Timothy 3

Asafo mpanyimfo

1Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanyin a, na wafa adwuma pa. 2Asafopanyin yɛ obi a mfomso nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ogye ahɔho wɔ ne fi na ɔkyerɛkyerɛ nso. 3Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa na mmom ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoe. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefo. 4Ɛsɛ sɛ otumi hwɛ ne fifo so yiye na otumi ma ne mma yɛ osetie de obu ne nidi ma no. 5Na sɛ obi nnim sɛnea ɔhwɛ ne fi so yiye a, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?

6Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ ma wɔabu no atɛn sɛnea wobuu ɔbonsam atɛn no. 7Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a asafo mma no akyi no, wobu no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afiri renyi no.

Asafo mu aboafo

8Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafo nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wodi nokware. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefo. 9Ɛsɛ sɛ wɔde adwenem fann gyina pintinn ma nokware no ne gyidi no. 10Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wodi sɔhwɛ no so nkonim a, wɔasom.

11Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wonni nseku. Biribiara mu, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokware. 12Ɛsɛ sɛ asafo no mu boafo no wɔ yere baako na afei otumi hwɛ ne mma ne ne fifo yiye. 13Wɔn a wɔyɛ adwuma pa no nya din pa na wɔde nnam ka gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no ho asɛm.

14Saa nhoma a mede rebrɛ wo yi akyi, mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn. 15Na sɛ mannu wo nkyɛn ntɛm a, saa nhoma yi bɛma woahu sɛnea yɛbɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn fi a ɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asafo a ɛyɛ nokware nnyinaso no mu.

16Ɛyɛ nokware pefee sɛ ɔkwan a wɔfa so tena ase kronn no nyɛ mmerɛw. “Ɔbae sɛ onipa tebea, Honhon no kyerɛɛ no kwan pa maa abɔfo huu no. Ɔkaa Asɛmpa no amanaman so, maa wiase gyee no dii na wɔfaa no kɔɔ soro.”

Copyright information for TwiNAK